Native Bible

Judges 14:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti, Samson yere de su baa ne nkyɛn bɛkaa sɛ, “Wonnɔ me. Wotan me! Woaka aborɔme bi akyerɛ me nkurɔfoɔ, nanso, wonkyerɛɛ me aseɛ.” Samson buaa ne yere no sɛ, “Saa ara na mʼagya ne me maame nso menkyerɛɛ wɔn aseɛ. Na adɛn enti na ɛsɛ sɛ meka kyerɛ wo?”

Judges 14:16 in English

Judges 14:16 · Berean Standard Bible

Then Samson’s wife came to him, weeping, and said, “You hate me! You do not really love me! You have posed to my people a riddle, but have not explained it to me.” “Look,” he said, “I have not even explained it to my father or mother, so why should I explain it to you?”

Context

14Ɔkaa no sɛ, “Deɛ ɔdie mu na wɔnya biribi a wɔdie; ɔhoɔdenfoɔ mu na ɔdɛ firi ba.” Nnansa akyi no, na wɔntumi nyii ano. 15Ne nna ɛnan soɔ no, wɔkɔka kyerɛɛ Samson yere sɛ, “Gye aborɔme no mmuaeɛ firi wo kunu hɔ ma yɛn, anyɛ saa a, yɛbɛhye wo ne wʼagya fie ama wɔawu. Motoo nsa frɛɛ yɛn wɔ ha sɛ morebɛsisi yɛn anaa?” 16Enti, Samson yere de su baa ne nkyɛn bɛkaa sɛ, “Wonnɔ me. Wotan me! Woaka aborɔme bi akyerɛ me nkurɔfoɔ, nanso, wonkyerɛɛ me aseɛ.” Samson buaa ne yere no sɛ, “Saa ara na mʼagya ne me maame nso menkyerɛɛ wɔn aseɛ. Na adɛn enti na ɛsɛ sɛ meka kyerɛ wo?” 17Enti, ɔsu guu ne so biribiara ɔne no wɔ hɔ. Ɔkɔɔ so saa ara nna a aka na apontoɔ no aba nʼawieeɛ nyinaa. Nnanson so no, ɛsiane ha a ɔhaa no enti, ɔkyerɛɛ no aseɛ. Ɔno nso kaa aborɔme asekyerɛ no kyerɛɛ mmeranteɛ no. 18Na nnanson so, ansa na owia rebɛtɔ no, kuro no mu mmarima baa Samson nkyɛn bɛkyerɛɛ no aseɛ sɛ, “Ɛdeɛn na ɛyɛ dɛ sene woɔ? Ɛdeɛn na ɛwɔ ahoɔden sene gyata?” Samson buaa wɔn sɛ, “Sɛ mo ne ɔfatwafoɔ no antu agyina, anka morennya aborɔme no asekyerɛ.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.