Atemmufoɔ 14:15
Judges 14:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ne nna ɛnan soɔ no, wɔkɔka kyerɛɛ Samson yere sɛ, “Gye aborɔme no mmuaeɛ firi wo kunu hɔ ma yɛn, anyɛ saa a, yɛbɛhye wo ne wʼagya fie ama wɔawu. Motoo nsa frɛɛ yɛn wɔ ha sɛ morebɛsisi yɛn anaa?”
Judges 14:15 in English
Judges 14:15 · Berean Standard Bible
So on the fourth * day they said to Samson’s wife, “Entice your husband to explain the riddle to us, or we will burn you and your father’s household to death. Did you invite us here to rob us?”
Context
13Sɛ moantumi anyi ano nso a, mo nso mobɛma me serekyetam ntadeɛ aduasa ne ntadeɛ ahodoɔ bi nso aduasa.”
Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ka aborɔme no ma yɛntie.” 14Ɔkaa no sɛ,
“Deɛ ɔdie mu na wɔnya biribi a wɔdie;
ɔhoɔdenfoɔ mu na ɔdɛ firi ba.”
Nnansa akyi no, na wɔntumi nyii ano. 15Ne nna ɛnan soɔ no, wɔkɔka kyerɛɛ Samson yere sɛ, “Gye aborɔme no mmuaeɛ firi wo kunu hɔ ma yɛn, anyɛ saa a, yɛbɛhye wo ne wʼagya fie ama wɔawu. Motoo nsa frɛɛ yɛn wɔ ha sɛ morebɛsisi yɛn anaa?” 16Enti, Samson yere de su baa ne nkyɛn bɛkaa sɛ, “Wonnɔ me. Wotan me! Woaka aborɔme bi akyerɛ me nkurɔfoɔ, nanso, wonkyerɛɛ me aseɛ.”
Samson buaa ne yere no sɛ, “Saa ara na mʼagya ne me maame nso menkyerɛɛ wɔn aseɛ. Na adɛn enti na ɛsɛ sɛ meka kyerɛ wo?” 17Enti, ɔsu guu ne so biribiara ɔne no wɔ hɔ. Ɔkɔɔ so saa ara nna a aka na apontoɔ no aba nʼawieeɛ nyinaa. Nnanson so no, ɛsiane ha a ɔhaa no enti, ɔkyerɛɛ no aseɛ. Ɔno nso kaa aborɔme asekyerɛ no kyerɛɛ mmeranteɛ no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.