Atemmufoɔ 10:13
Judges 10:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso, moagya me akɔsom anyame foforɔ. Ɛno enti, merennye mo bio.
Judges 10:13 in English
Judges 10:13 · Berean Standard Bible
But you have forsaken Me and served other gods, so I will no longer save you.
Context
11Awurade buaa sɛ, “Mannye mo amfiri Misraimfoɔ, Amorifoɔ, Amonfoɔ, Filistifoɔ 12Sidonfoɔ, Amalekfoɔ ne Maonfoɔ nsam? Ɛberɛ a wɔhyɛɛ mo so no, mosu frɛɛ me na megyee mo. 13Nanso, moagya me akɔsom anyame foforɔ. Ɛno enti, merennye mo bio. 14Monkɔsu nkyerɛ anyame a moafa wɔn no. Momma wɔnnye mo ɛberɛ a morehunu amaneɛ yi.” 15Nanso, Israelfoɔ no kɔɔ so srɛɛ Awurade sɛ, “Yɛayɛ bɔne. Twe yɛn aso sɛdeɛ ɛfata. Nanso, gye yɛn firi yɛn atamfoɔ nsam ɛnnɛ.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.