Native Bible

Judges 1:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔsomaa akwansrafoɔ kɔɔ Bet-El (a kane no na wɔfrɛ no Lus) hɔ.

Judges 1:23 in English

Judges 1:23 · Berean Standard Bible

They sent spies to Bethel (formerly known as Luz),

Context

21Benyamin abusuakuo no antumi ampam Yebusifoɔ a na wɔte Yerusalem no. Enti, ɛbɛsi ɛnnɛ yi, Yebusifoɔ ne Benyamin nkurɔfoɔ da so te Yerusalem. 22Yosef asefoɔ kɔto hyɛɛ Bet-El kuro no so, na Awurade kaa wɔn ho. 23Wɔsomaa akwansrafoɔ kɔɔ Bet-El (a kane no na wɔfrɛ no Lus) hɔ. 24Wɔde nsɛmmisa puapuaa ɔbarima bi a na ɔfiri kuropɔn no mu reba. Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Kyerɛ yɛn ɛkwan a wɔde kɔ kuropɔn no mu na yɛn nso, yɛbɛhunu wo mmɔbɔ.” 25Enti, ɔkyerɛɛ wɔn kuropɔn no kwan ma wɔkɔkunkumm kuropɔn no mu nnipa nyinaa, na wɔgyaa ɔbarima no ne nʼabusuafoɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.