Yakobo 2:9
James 2:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na sɛ mohwɛ nnipa anim de gye wɔn a, modi ho fɔ na Mmara no tia mo sɛ mmaratofoɔ.
James 2:9 in English
James 2:9 · Berean Standard Bible
But if you show favoritism, you sin and are convicted by the law as transgressors.
Context
7Wɔne nnipa a wɔkasa tia din pa a wɔde ama mo no. 8Ɛyɛ sɛ modi yɛn Awurade mmara a ɛka sɛ, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho” no so. 9Na sɛ mohwɛ nnipa anim de gye wɔn a, modi ho fɔ na Mmara no tia mo sɛ mmaratofoɔ. 10Obiara a ɔbu mmara no mu baako pɛ so no bu ne nyinaa so. 11Ɛfiri sɛ, deɛ ɔkaa sɛ, “Nsɛe awadeɛ” no, ɔno ara nso na ɔkaa sɛ, “Nni awu.” Na sɛ woansɛe awadeɛ na wodi awu a, woabu mmara so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.