Yakobo 2:21
James 2:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛyɛɛ dɛn na Onyankopɔn buu Abraham bem? Ɛnam ne nneyɛeɛ so sɛ ɔde ne ba Isak maa wɔ afɔrebukyia so no.
James 2:21 in English
James 2:21 · Berean Standard Bible
Was not our father Abraham justified by what he did when he offered his son Isaac on the altar?
Context
19Wogye di sɛ Onyankopɔn baako pɛ na ɔwɔ hɔ? Ɛyɛ! Ahonhommɔne nso gye di saa ara na wɔn ho popo wɔ suro mu. 20Ɔkwasea! Wopɛ sɛ wɔka kyerɛ wo sɛ gyidie a nneyɛeɛ mmata ho no ho nni mfasoɔ anaa? 21Ɛyɛɛ dɛn na Onyankopɔn buu Abraham bem? Ɛnam ne nneyɛeɛ so sɛ ɔde ne ba Isak maa wɔ afɔrebukyia so no. 22Wohunu sɛ ne gyidie ne ne nneyɛeɛ nyinaa redi dwuma na ne nneyɛeɛ no maa ne gyidie no dii mu. 23Na Atwerɛsɛm no baa mu sɛ, Abraham gyee Onyankopɔn diiɛ na ɛsiane ne gyidie no enti, Onyankopɔn gyee no sɛ ɔteneneeni. Enti wɔfrɛ Abraham Onyankopɔn adamfo.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.