Native Bible

James 1:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

nʼadwene yɛ no ntanta a ɔntumi nsi biribiara pi.

James 1:8 in English

James 1:8 · Berean Standard Bible

He is a double-minded man, unstable in all his ways.

Context

6Na sɛ worebɔ mpaeɛ a, ɛsɛ sɛ wogye di a wonnye ho akyinnyeɛ. Obiara a ɔgye akyinnyeɛ no te sɛ ɛpo asorɔkye a mframa bɔ no kɔ baabiara a ɛpɛ. 7Ɛnsɛ sɛ saa onipa no susu sɛ ɔbɛnya biribiara afiri Awurade nkyɛn; 8nʼadwene yɛ no ntanta a ɔntumi nsi biribiara pi. 9Sɛ Onyankopɔn ma onua hiani so a, ɛsɛ sɛ nʼani gye, 10na adefoɔ a wabrɛ wɔn ase no nso saa ara. Ɛfiri sɛ, adefoɔ no twam kɔ sɛ wiram afifideɛ bi.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.