Yakobo 1:2
James 1:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Anuanom, sɛ sɔhwɛ bi ba mo akwan mu a, momma mo ani nnye
James 1:2 in English
James 1:2 · Berean Standard Bible
Consider it pure joy, my brothers, when you encounter trials of many kinds,
Context
1Krataa yi firi me Yakobo a meyɛ Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo ɔsomfoɔ nkyɛn,
Mekyea mmusuakuo dumienu a wɔahwete no nyinaa. 2Anuanom, sɛ sɔhwɛ bi ba mo akwan mu a, momma mo ani nnye 3ɛfiri sɛ, sɛ mo gyidie tumi gyina sɔhwɛ no ano a, ɛno ansa na monya boasetɔ. 4Momma boasetɔ no ntena mo mu daa nyinaa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mobɛyɛ pɛ a biribiara ho renhia mo.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.