Native Bible

Isaiah 7:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Aram, Efraim ne Remalia babarima abɔ wo sɛeɛ ho pɔ sɛ,

Isaiah 7:5 in English

Isaiah 7:5 · Berean Standard Bible

For Aram, along with Ephraim and the son of Remaliah, has plotted your ruin, saying:

Context

3Na Awurade ka kyerɛɛ Yesaia sɛ, “Wo ne wo babarima Sear-Yasub nkɔhyia Ahas wɔ Atifi Tadeɛ no subɔnka a ɛwɔ Ntomasifoɔ Afuo no kwan so. 4Ka kyerɛ no sɛ, ‘Hwɛ yie, yɛ komm na nsuro. Mma wʼakoma ntu wɔ saa nnyentia mmienu a ɛrefiri wisie yi ho; wɔ Resin Aramhene ne Remalia babarima abufuhyeɛ no enti. 5Aram, Efraim ne Remalia babarima abɔ wo sɛeɛ ho pɔ sɛ, 6“Momma yɛnto nhyɛ Yuda so, na yɛntete wɔn mu na yɛnkyɛ mfa, na yɛnsi Tabeel babarima ɔhene wɔ so.” 7Nanso deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “ ‘Ɛremma so, na ɛrensi da,

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.