Native Bible

Isaiah 7:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ka kyerɛ no sɛ, ‘Hwɛ yie, yɛ komm na nsuro. Mma wʼakoma ntu wɔ saa nnyentia mmienu a ɛrefiri wisie yi ho; wɔ Resin Aramhene ne Remalia babarima abufuhyeɛ no enti.

Isaiah 7:4 in English

Isaiah 7:4 · Berean Standard Bible

and say to him: Calm down and be quiet. Do not be afraid or disheartened over these two smoldering stubs of firewood—over the fierce anger of Rezin and Aram and of the son of Remaliah.

Context

2Na wɔka kyerɛɛ Dawid fie sɛ, “Aram ne Efraim ayɛ apam.” Enti Ahas ne ne nkurɔfoɔ ho wosoeɛ sɛdeɛ kwaeɛm nnua woso wɔ mframa ano no. 3Na Awurade ka kyerɛɛ Yesaia sɛ, “Wo ne wo babarima Sear-Yasub nkɔhyia Ahas wɔ Atifi Tadeɛ no subɔnka a ɛwɔ Ntomasifoɔ Afuo no kwan so. 4Ka kyerɛ no sɛ, ‘Hwɛ yie, yɛ komm na nsuro. Mma wʼakoma ntu wɔ saa nnyentia mmienu a ɛrefiri wisie yi ho; wɔ Resin Aramhene ne Remalia babarima abufuhyeɛ no enti. 5Aram, Efraim ne Remalia babarima abɔ wo sɛeɛ ho pɔ sɛ, 6“Momma yɛnto nhyɛ Yuda so, na yɛntete wɔn mu na yɛnkyɛ mfa, na yɛnsi Tabeel babarima ɔhene wɔ so.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.