Yesaia 63:4
Isaiah 63:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na aweretɔ da wɔ mʼakoma mu na me gyeɛ afe no aba.
Isaiah 63:4 in English
Isaiah 63:4 · Berean Standard Bible
For the day of vengeance was in My heart, and the year of My redemption had come.
Context
2Adɛn enti na mo ntadeɛ bere kɔɔ,
te sɛ obi a ɔretiatia nsakyiamena so deɛ yi? 3“Me nko ara atiatia nsakyiamena so,
na amanaman no mu obiara anka me ho.
Metiatiaa wɔn so wɔ mʼabufuo mu
na memiaa wɔn so wɔ mʼabufuhyeɛ mu;
wɔn mogya bɔ petee me ntadeɛ mu,
maa nkekaeɛ yɛɛ mʼaduradeɛ nyinaa mu. 4Na aweretɔ da wɔ mʼakoma mu
na me gyeɛ afe no aba. 5Mehwɛeɛ, nanso na ɔboafoɔ biara nni hɔ,
ɛyɛɛ me ahodwirie sɛ obiara ammoa me;
enti mʼankasa abasa yɛɛ nkwagyeɛ dwuma maa me,
na mʼabufuo wowaa me. 6Metiatiaa amanaman no so wɔ mʼabufuo mu;
memaa wɔboboroe wɔ mʼabufuhyeɛ mu
na mehwiee wɔn mogya guu fam.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.