Yesaia 63:18
Isaiah 63:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛberɛ tiawa bi mu wo nkurɔfoɔ faa wo kronkronbea nanso seesei yɛn atamfoɔ atiatia so.
Isaiah 63:18 in English
Isaiah 63:18 · Berean Standard Bible
For a short while Your people possessed Your holy place, but our enemies have trampled Your sanctuary.
Context
16Nanso wo ara wo ne yɛn Agya
ɛwom sɛ Abraham nnim yɛn
na Israel nso nnye yɛn nto mu deɛ;
nanso wo, Ao Awurade, wo ne yɛn Agya,
ɛfiri tete wo din ne Yɛn Gyefoɔ. 17Adɛn, Ao Awurade, na woma yɛn kwati wʼakwan
na wopirim yɛn akoma enti ɛmma yɛn nni wo ni?
Sane bra ɛsiane wʼasomfoɔ,
mmusuakuo a wɔyɛ wʼagyapadeɛ no enti. 18Ɛberɛ tiawa bi mu wo nkurɔfoɔ faa wo kronkronbea
nanso seesei yɛn atamfoɔ atiatia so. 19Enti yɛyɛ wo dea firi tete
nanso wɔn deɛ wonnii wɔn so ɔhene
na wɔmmɔɔ wo din mfrɛɛ wɔn da.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.