Yesaia 62:10
Isaiah 62:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Momfa mu, momfa kuropɔn apono no mu! Monsiesie kwan no mma nkurɔfoɔ no. Mompae, mompae kwantempɔn no! Monyiyi so aboɔ no. Monsi frankaa mma amanaman no.
Isaiah 62:10 in English
Isaiah 62:10 · Berean Standard Bible
Go out, go out through the gates; prepare the way for the people! Build it up, build up the highway; clear away the stones; raise a banner for the nations!
Context
8Awurade de ne basa nifa aka ntam,
ne basa a ɛyɛ den no sɛ,
“Meremfa mo ayuo
mma mo atamfoɔ sɛ wɔn aduane bio,
na ananafoɔ rennom nsã foforɔ
a moabrɛ ho no bio; 9wɔn a wɔtwa no na wɔbɛdi
na wɔakamfo Awurade,
na wɔn a wɔboaboa bobe ano no bɛnom
wɔ me kronkronbea adihɔ.” 10Momfa mu, momfa kuropɔn apono no mu!
Monsiesie kwan no mma nkurɔfoɔ no.
Mompae, mompae kwantempɔn no!
Monyiyi so aboɔ no.
Monsi frankaa mma amanaman no. 11Awurade abɔ no dawuro
akɔsi nsase ano sɛ,
“Monka nkyerɛ Ɔbabaa Sion sɛ,
‘Hwɛ, wo Agyenkwa reba!
Hwɛ nʼakatua ka ne ho,
na nʼanamuhyɛdeɛ nso ka ne ho.’ ” 12Wɔbɛfrɛ wɔn Nnipa Kronkron,
wɔn a Awurade Agye Wɔn;
na wɔbɛfrɛ wo Deɛ Wɔrehwehwɛ Nʼakyiri Ɛkwan,
Kuropɔn a Ɛrenyɛ Afo Bio.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.