Yesaia 61:2
Isaiah 61:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
sɛ mempae mu nka Awurade adom no ho asɛm, ne yɛn Onyankopɔn aweretɔ da. Wasoma me sɛ, menkyekye wɔn a wɔdi awerɛhoɔ nyinaa werɛ,
Isaiah 61:2 in English
Isaiah 61:2 · Berean Standard Bible
to proclaim the year of the LORD’s favor * and the day of our God’s vengeance, to comfort all who mourn,
Context
1Otumfoɔ Awurade Honhom wɔ me so,
ɛfiri sɛ, Awurade asra me ngo
sɛ menka asɛmpa nkyerɛ ahiafoɔ.
Wasoma me sɛ, menkɔkyekye wɔn a wɔn akoma abubu werɛ,
sɛ me mpae mu nka ahofadie nkyerɛ nnommumfoɔ
na wɔnyi nneduafoɔ mfiri esum mu, 2sɛ mempae mu nka Awurade adom no ho asɛm,
ne yɛn Onyankopɔn aweretɔ da.
Wasoma me sɛ, menkyekye wɔn a wɔdi awerɛhoɔ nyinaa werɛ, 3na memma wɔn a wɔdi awerɛhoɔ wɔ Sion no deɛ wɔhia,
na menhyɛ wɔn ahenkyɛ fɛfɛ
nsi nsõ anan mu;
anigyeɛ ngo
nsi awerɛhoɔdie anan mu,
ayɛyie atadeɛ
nsi abasamutuo honhom anan mu.
Wɔbɛfrɛ wɔn tenenee adum
deɛ Awurade adua
de ada nʼanimuonyam adi. 4Wɔbɛsi tete mmubuiɛ no bio,
na wɔasiesie mmeammea a asɛe dadaada no;
wɔbɛyɛ nkuropɔn a asɛeɛ no foforɔ
deɛ asɛe awoɔ ntoatoasoɔ bebree no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.