Native Bible

Isaiah 59:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Obiara nhwehwɛ atɛntenee; obiara mfa nokorɛdie mmɔ ne nkuro. Wɔde wɔn ho to nsɛmhuhuo so na wɔtwa nkontonpo; wonyinsɛn ɔhaw na wɔwo bɔne.

Isaiah 59:4 in English

Isaiah 59:4 · Berean Standard Bible

No one calls for justice; no one pleads his case honestly. They rely on empty pleas; they tell lies; they conceive mischief and give birth to iniquity.

Context

2Nanso, mo amumuyɛ na atete mo ne mo Onyankopɔn ntam; mo bɔne ama nʼanim ahinta mo, a enti ɔrente. 3Na mogya akeka mo nsa ho, afɔdie afɔre mo nsateaa. Mo ano akeka atorɔsɛm, mo tɛkrɛma de amumuyɛsɛm di nsekuro. 4Obiara nhwehwɛ atɛntenee; obiara mfa nokorɛdie mmɔ ne nkuro. Wɔde wɔn ho to nsɛmhuhuo so na wɔtwa nkontonpo; wonyinsɛn ɔhaw na wɔwo bɔne. 5Wɔhwane ananka nkosua na wɔnwono ananse ntontan. Deɛ ɔdi wɔn nkosua biara bɛwu, emu baako nso bɔ a, ɛpae ahuritia. 6Wɔn ntontan nyɛ mma aduradeɛ; wɔrentumi mfa deɛ wɔyɛ nkata wɔn ho. Wɔn nneyɛɛ yɛ nneyɛɛ bɔne, na wɔdi akakabensɛm.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.