Yesaia 57:18
Isaiah 57:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mahunu wɔn nneyɛɛ, nanso mɛsa wɔn yadeɛ. Mɛkyerɛ wɔn kwan na makyekye wɔn werɛ,
Isaiah 57:18 in English
Isaiah 57:18 · Berean Standard Bible
I have seen his ways, but I will heal him; I will guide him and restore comfort to him and his mourners,
Context
16Meremmɔ soboɔ afebɔɔ,
na mebo remfu daa,
sɛ anyɛ saa a, onipa honhom bɛtɔ piti wɔ mʼanim,
onipa ahome a me na mabɔ. 17Wɔn nnebɔne adufudepɛ maa me bo fuiɛ;
metwee wɔn aso, na mede abufuo yii mʼani,
nso wɔkɔɔ so yɛɛ deɛ wɔn akoma pɛ. 18Mahunu wɔn nneyɛɛ, nanso mɛsa wɔn yadeɛ.
Mɛkyerɛ wɔn kwan na makyekye wɔn werɛ, 19na mama ayɛyie aba wɔn a wɔredi awerɛhoɔ wɔ Israel ano.
Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ, mmra wɔn a wɔwɔ akyirikyiri ne wɔn a wɔbɛn so,”
sei na Awurade seɛ. “Na mɛsa wɔn yadeɛ.” 20Na amumuyɛfoɔ te sɛ ɛpo a ɛrehuru,
ɛntumi nyɛ komm,
nʼasorɔkye yiyi atɛkyɛ ne efi.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.