Yesaia 56:10
Isaiah 56:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Israel awɛmfoɔ yɛ anifirafoɔ, wɔn mu biara nni nimdeɛ; wɔn nyinaa yɛ nkraman mum, wɔntumi mmobɔ mu; wɔdeda hɔ na wɔsoso daeɛ, nna yɛ wɔn dɛ.
Isaiah 56:10 in English
Isaiah 56:10 · Berean Standard Bible
Israel’s watchmen are blind, they are all oblivious; they are all mute dogs, they cannot bark; they are dreamers lying around, loving to slumber.
Context
8Otumfoɔ Awurade,
deɛ ɔboaboa Israel atukɔfoɔ ano no ka sɛ:
“Mɛkɔ so aboaboa afoforɔ ano aka wɔn ho
aka wɔn a maboa wɔn ano dada no ho.” 9Mommra, mo wiram mmoadoma nyinaa,
mommɛdidi, mo kwaeɛm mmoa nyinaa! 10Israel awɛmfoɔ yɛ anifirafoɔ,
wɔn mu biara nni nimdeɛ;
wɔn nyinaa yɛ nkraman mum,
wɔntumi mmobɔ mu;
wɔdeda hɔ na wɔsoso daeɛ,
nna yɛ wɔn dɛ. 11Wɔyɛ nkraman a wɔpɛ aduane yie;
wɔnnidi mmee da.
Wɔyɛ nnwanhwɛfoɔ a wɔnni nteaseɛ;
wɔn nyinaa fa wɔn ɛkwan,
obiara pɛ nʼankasa mfasoɔ. 12“Mommra,” obiara team sɛ, “momma me nsã!
Momma yɛnnom nsaden mmoro!
Na ɔkyena bɛyɛ sɛ ɛnnɛ,
ebia ɛbɛsene ɛnnɛ koraa.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.