Yesaia 54:11
Isaiah 54:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Ao, kuropɔn a ahum abubu wo na wɔnkyekyee wo werɛ, mede aboɔ anintɔnka bɛsiesie wo, na mede aboɔdemmoɔ ayɛ wo fapem.
Isaiah 54:11 in English
Isaiah 54:11 · Berean Standard Bible
“O afflicted city, lashed by storms, without solace, surely I will set your stones in antimony and lay your foundations with sapphires.*
Context
9“Yei te sɛ Noa mmerɛ so a mekaa ntam sɛ
meremma nsuyire nkata asase ani bio.
Enti afei maka ntam sɛ meremma mebo mfu wo bio,
na merenka wʼanim bio. 10Sɛ mmepɔ woso,
na nkokoɔ tutu a,
me dɔ a ɛnsa da a mewɔ ma wo no renhinhim
na mʼasomdwoeɛ apam no rentwam,”
sei na Awurade a ɔwɔ ahummɔborɔ ma mo no seɛ. 11“Ao, kuropɔn a ahum abubu wo na wɔnkyekyee wo werɛ,
mede aboɔ anintɔnka bɛsiesie wo,
na mede aboɔdemmoɔ ayɛ wo fapem. 12Mede bogyaboɔ bɛto wʼabantifi afasuo,
na mede abohemaa a ɛhyerɛn ayɛ wʼapono,
na mede aboɔdemmoɔ ayɛ wʼafasuo nyinaa. 13Awurade bɛkyerɛkyerɛ wo mmammarima nyinaa,
na wo mma asomdwoeɛ bɛdɔɔso.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.