Yesaia 42:11
Isaiah 42:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ma anweatam ne ɛso nkuro mma wɔn nne so; ma atenaeɛ a Kedar te soɔ no nsɛpɛ wɔn ho. Ma nnipa a wɔwɔ Sela nto anigye dwom; ma wɔn nteam mfiri mmepɔ no atifi!
Isaiah 42:11 in English
Isaiah 42:11 · Berean Standard Bible
Let the desert and its cities raise their voices; let the villages of Kedar cry aloud. Let the people of Sela sing for joy; let them cry out from the mountaintops.
Context
9Hwɛ, nneɛma dada no atwam,
na nneɛma foforɔ no mepae mu ka;
ansa na ɛbɛba mu no
meka kyerɛ mo.” 10Monto dwom foforɔ mma Awurade!
Nʼayɛyie mfiri asase ano,
mo a mokɔ ɛpo so ne deɛ ɛwo mu nyinaa,
mo nsupɔ ne wɔn a wɔtete so nyinaa. 11Ma anweatam ne ɛso nkuro mma wɔn nne so;
ma atenaeɛ a Kedar te soɔ no nsɛpɛ wɔn ho.
Ma nnipa a wɔwɔ Sela nto anigye dwom;
ma wɔn nteam mfiri mmepɔ no atifi! 12Ma wɔnhyɛ Awurade animuonyam;
na wɔmpae mu nka nʼayɛyie no wɔ nsupɔ no so. 13Awurade bɛpue aba sɛ ɔkatakyie,
te sɛ ɔkofoni no, ɔbɛhyɛ ne mmɔdemmɔ mu den;
ɔde nteam bɛyɛ ɔkofrɛ
na ɔbɛdi nʼatamfoɔ so nkonim.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.