Yesaia 34:17
Isaiah 34:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔde wɔn kyɛfa rema wɔn; ɔde ne nsa yɛ susudua kyekyɛ. Wɔbɛfa no sɛ wɔn dea afebɔɔ na wɔfiri awoɔ ntoatoasoɔ akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ atena hɔ.
Isaiah 34:17 in English
Isaiah 34:17 · Berean Standard Bible
He has allotted their portion; His hand has distributed it by measure. They will possess it forever; they will dwell in it from generation to generation.
Context
15Ɛhɔ na ɔpatuo bɛyɛ ne pirebuo, na wato ne nkosua.
Ɔbɛhwane ne mma, na ɔde ne ntaban akata wɔn so;
ɛhɔ na nkorɔma bɛboaboa wɔn ho ano,
obiara ne deɛ ɔka ne ho. 16Hwɛ Awurade nwoma mmobɔeɛ no mu, na kenkan:
Yeinom mu biara renyera,
obiara bɛnya deɛ ɔka ne ho.
Ɛfiri sɛ nʼanom na ɔhyɛ asɛm no firie,
na ne honhom bɛboaboa wɔn ano. 17Ɔde wɔn kyɛfa rema wɔn;
ɔde ne nsa yɛ susudua kyekyɛ.
Wɔbɛfa no sɛ wɔn dea afebɔɔ
na wɔfiri awoɔ ntoatoasoɔ akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ atena hɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.