Native Bible

Isaiah 33:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Monhwɛ, wɔn mmarima akokoɔdurufoɔ su teateaam wɔ mmɔntene so; asomdwoeɛ ho abɔfoɔ su yaayaaya.

Isaiah 33:7 in English

Isaiah 33:7 · Berean Standard Bible

Behold, their valiant ones cry aloud in the streets; the envoys of peace weep bitterly.

Context

5Wɔama Awurade so, na ɔte ɔsorosoro; ɔde tenenee ne adeteneneeyɛ bɛhyɛ Sion ma. 6Ɔbɛyɛ fapem a atim yie wɔ mo mmerɛ so, nkwagyeɛ, nyansa ne nhunumu mmorosoɔ akoraeɛ; Awurade suro bɛyɛ wʼademudeɛ. 7Monhwɛ, wɔn mmarima akokoɔdurufoɔ su teateaam wɔ mmɔntene so; asomdwoeɛ ho abɔfoɔ su yaayaaya. 8Akwantempɔn no so da hɔ kwa, akwantufoɔ biara nni akwan no so. Wɔabu apam no so; wɔbu nʼadansefoɔ animtia wɔmmu obiara. 9Asase no awo wesee na ɛresɛe, Lebanon agyigya na nʼanim agu ase; Saron ayɛ sɛ Araba, Basan ne Karmel poro wɔn nhahan.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.