Native Bible

Isaiah 27:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Me, Awurade, mehwɛ so; megugu so nsuo ɛberɛ biara. Mebɔ ho ban awia ne anadwo sɛdeɛ obiara rensɛe no.

Isaiah 27:3 in English

Isaiah 27:3 · Berean Standard Bible

I, the LORD, am its keeper; I water it continually. I guard it night and day so no one can disturb it;

Context

1Saa ɛda no, Awurade de nʼakofena bɛtwe aso, ɔde nʼakofena a ɛyɛ hu na ɛso na ɛyɛ nnam no bɛtwe ɔwɔ Lewiatan a ne ho yɛ herɛ a ɔbobɔ ne ho no aso; ɔbɛkum ɛpo mu aboa kɛseɛ a ne ho yɛ hu no. 2Saa da no, “To dwom fa bobeturo a ɛso no ho sɛ: 3Me, Awurade, mehwɛ so; megugu so nsuo ɛberɛ biara. Mebɔ ho ban awia ne anadwo sɛdeɛ obiara rensɛe no. 4Me bo mfuiɛ. Sɛ ɛkaa nwerɛ ne nkasɛɛ nko ara na ɛko tia me a anka mene wɔn de bɛbɔ ani; na mahye wɔn nyinaa. 5Sɛ ɛnte saa deɛ, ma wɔn mmra me nkyɛn mmɛhinta na wɔ ne me mmɛdwene asomdwoeɛ ho, aane, asomdwoeɛ ho na mo ne me mmɛdwene.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.