Native Bible

Isaiah 25:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti aman a wɔyɛ den bɛdi wo ni atutupɛfoɔ aman bɛhyɛ wo animuonyam.

Isaiah 25:3 in English

Isaiah 25:3 · Berean Standard Bible

Therefore, a strong people will honor You. The cities of ruthless nations will revere You.

Context

1Ao, Awurade, wone me Onyankopɔn; mɛma wo so na mayi wo din ayɛ, ɛfiri sɛ wofiri nokorɛdie mu ayɛ anwanwadeɛ bebree, nneɛma a wɔahyehyɛ firi teteete. 2Woayɛ kuropɔn no mmubuiɛ sie, kuro no a ɛwɔ banbɔ no asɛe; ananafoɔ abandenden no nyɛ kuropɔn bio; na wɔrensi bio. 3Enti aman a wɔyɛ den bɛdi wo ni atutupɛfoɔ aman bɛhyɛ wo animuonyam. 4Woayɛ ahiafoɔ dwanekɔbea, ohiani mmɔborɔni dwanekɔbea, ahum ano ahintaeɛ ɔhyeɛ mu nwunu na atutupɛfoɔ ahome te sɛ ahum a ɛrebɔ dwira ɔfasuo 5ne ɔhyew a ɛwɔ anweatam so. Wobrɛ ananafoɔ hooyɛ ase; sɛdeɛ omununkum brɛ owia ɔhyeɛ ano ase no, saa ara na atutupɛfoɔ nnwom nso bɛgyaeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.