Yesaia 23:4
Isaiah 23:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Animguaseɛ nka wo, Ao Sidon, ne wo, Ao ɛpo so aban, ɛfiri sɛ ɛpo akasa sɛ, “Menkyemee da na menwoo da; mentetee mmammarima anaa mmammaa da.”
Isaiah 23:4 in English
Isaiah 23:4 · Berean Standard Bible
Be ashamed, O Sidon, the stronghold of the sea, for the sea has spoken: “I have not been in labor or given birth. I have not raised young men or brought up young women.”
Context
2Monyɛ komm, mo nnipa a mowɔ supɔ no so
ne mo Sidon adwadifoɔ a
ɛpo so adwumayɛfoɔ ama mo ayɛ adefoɔ. 3Nsuo akɛseɛ no so
na aduane firi Sihor nam baeɛ;
Nil ho nnɔbaeɛ na ɛyɛɛ Tirofoɔ toɔ,
na ɔbɛyɛɛ amanaman adwadibea. 4Animguaseɛ nka wo, Ao Sidon, ne wo, Ao ɛpo so aban,
ɛfiri sɛ ɛpo akasa sɛ,
“Menkyemee da na menwoo da;
mentetee mmammarima anaa mmammaa da.” 5Sɛ asɛm no duru Misraim a,
wɔn ho bɛdwiri wɔn wɔ nkra a ɛfiri Tiro no ho. 6Montwa nkɔ Tarsis;
montwa adwo, mo a mowɔ supɔ no so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.