Native Bible

Isaiah 21:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yei ama ɔyea bi abɛhyɛ me mu, ɔyea aka me, te sɛ ɔbaa a awoɔ aka no; deɛ meteɛ no enti mentumi nnyina me nan so, deɛ mehunu no ama me ho adwiri me.

Isaiah 21:3 in English

Isaiah 21:3 · Berean Standard Bible

Therefore my body is filled with anguish. Pain grips me, like the pains of a woman in labor. I am bewildered to hear, I am dismayed to see.

Context

1Nkɔmhyɛ a ɛfa Babilonia, anweatam no a ɛda Po no ho: Sɛdeɛ twahoframa a ɛbɔ fa anafoɔ fam asase so no yɛ no, saa ara na ɔtohyɛsoɔni bi firi anweatam so reba. Ɔfiri asase a ɛyɛ hunabɔbrim so. 2Wɔde anisoadehunu a ɛyɛ nwanwa akyerɛ me: Ɔfatwafoɔ bi redi hwammɔ. Ɔfomfoɔ bi refa afodeɛ. Elam reto ahyɛ ɔman bi so! Media rebɔ pampim! Mede apinisie a Babilonia de baeɛ no nyinaa bɛba awieeɛ. 3Yei ama ɔyea bi abɛhyɛ me mu, ɔyea aka me, te sɛ ɔbaa a awoɔ aka no; deɛ meteɛ no enti mentumi nnyina me nan so, deɛ mehunu no ama me ho adwiri me. 4Mʼakoma bɔ paripari, ehu ma me ho popo; na ɛhan a mepɛɛ sɛ mehunu no abɛyɛ adeɛ a ɛbɔ me hu. 5Wɔto ɛpono, wɔde kuntu akɛtɛ sesɛ fam, wɔdidi, na wɔnom! Monsɔre mo asraafoɔ mpanimfoɔ, momfa ngo nsrasra mo akyɛm ho!

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.