Yesaia 21:14
Isaiah 21:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Momfa nsuo mmrɛ wɔn a sukɔm de wɔn; mo a motete Tema, mommrɛ adwanefoɔ aduane.
Isaiah 21:14 in English
Isaiah 21:14 · Berean Standard Bible
Bring water for the thirsty, O dwellers of Tema; meet the refugees with food.
Context
12Ɔwɛmfoɔ no bua sɛ,
“Adeɛ rekye, nanso adeɛ bɛsa.
Sɛ wobɛbisa bio a
sane bra bɛbisa.” 13Adehunu a ɛfa Arabia ho:
Mo Dedan akwantufoɔ a
mosoɛ wɔ Arabia adɔtɔ ase, 14Momfa nsuo mmrɛ wɔn a sukɔm de wɔn;
mo a motete Tema,
mommrɛ adwanefoɔ aduane. 15Wɔdwane firi akofena a watwe
tadua a wɔakuntun mu
ne ɔko a ɛgyina mu ano. 16Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ me, “Afe baako mu no, sɛdeɛ wɔkan ɔpaani mfeɛ no, Kedar kɛseyɛ to bɛtwa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.