Yesaia 2:8
Isaiah 2:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ahoni ahyɛ wɔn asase no so ma; wɔkoto sɔre wɔn ankasa nsa ano adwuma, deɛ wɔn nsateaa ayɛ.
Isaiah 2:8 in English
Isaiah 2:8 · Berean Standard Bible
Their land is full of idols; they bow down to the work of their hands, to what their fingers have made.
Context
6Awurade, Woagya wo nkurɔfoɔ,
Yakob fiefoɔ.
Gyedihunu a ɛfiri apueeɛ fam ahyɛ wɔn ma;
wɔhyɛ nkɔm sɛ Filistifoɔ
na wɔ ne abosonsomfoɔ di hwebom. 7Dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahyɛ wɔn asase no so ma;
wɔn ademudeɛ dɔɔso bebree.
Apɔnkɔ ayɛ wɔn asase no so ma;
na wɔn nteaseɛnam dodoɔ nni ano. 8Ahoni ahyɛ wɔn asase no so ma;
wɔkoto sɔre wɔn ankasa nsa ano adwuma,
deɛ wɔn nsateaa ayɛ. 9Enti, Awurade bɛbrɛ onipa ase
na wama adasamma aboto.
Ɔmmfa wɔn ho nkyɛ wɔn. 10Kɔhyɛne abotan no mu,
fa wo ho kɔsie asase no mu ɛsiane Awurade ho hu
ne nʼanimuonyam kɛseyɛ nti!
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.