Yesaia 2:19
Isaiah 2:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nnipa bɛdwane akɔhyɛ abodan a ɛwɔ abotan mu ne ntokuro a ɛdeda asase mu ɛsiane Awurade ho hu ne nʼanimuonyam kɛseyɛ enti, ɛberɛ a ɔbɛsɔre awoso asase.
Isaiah 2:19 in English
Isaiah 2:19 · Berean Standard Bible
Men will flee to caves in the rocks and holes in the ground, away from the terror of the LORD and from the splendor of His majesty, when He rises to shake the earth.
Context
17Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase,
na wɔde nnipa ahomasoɔ ahwe fam;
Awurade nko ara na wɔbɛma no so da no, 18na ahoni no bɛyera korakora. 19Nnipa bɛdwane akɔhyɛ abodan a ɛwɔ abotan mu
ne ntokuro a ɛdeda asase mu
ɛsiane Awurade ho hu
ne nʼanimuonyam kɛseyɛ enti,
ɛberɛ a ɔbɛsɔre awoso asase. 20Saa ɛda no, nnipa bɛto
wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahoni
a wɔyɛɛ sɛ wɔbɛsom no
agu ama akusie ne mpan. 21Wɔbɛdwane akɔhyɛne abotan mu ntokuro mu
ne abotan mpaapaeɛ mu
ɛsiane Awurade ho hu
ne nʼanimuonyam kɛseyɛ enti,
ɛberɛ a ɔbɛsɔre awoso asase.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.