Yesaia 19:1
Isaiah 19:1 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nkɔmhyɛ a ɛtia Misraim: Monhwɛ! Awurade nam ahoɔherɛ omununkum mu na ɔreba Misraim. Misraim ahoni ho popo wɔ nʼanim, na Misraimfoɔ akoma boto wɔ wɔn mu.
Isaiah 19:1 in English
Isaiah 19:1 · Berean Standard Bible
This is the burden against Egypt: Behold, the LORD rides on a swift cloud; He is coming to Egypt. The idols of Egypt will tremble before Him, and the hearts of the Egyptians will melt within them.
Context
1Nkɔmhyɛ a ɛtia Misraim:
Monhwɛ! Awurade nam ahoɔherɛ omununkum mu
na ɔreba Misraim.
Misraim ahoni ho popo wɔ nʼanim,
na Misraimfoɔ akoma boto wɔ wɔn mu. 2“Mɛma Misraimfoɔ atwa wɔn ho ako,
onua bɛko atia onua,
ɔyɔnko atia ɔyɔnko,
kuropɔn atia kuropɔn,
ahennie atia ahennie. 3Misraimfoɔ no renya abodwo,
na mɛma wɔn nhyehyɛeɛ ayɛ ɔkwa.
Wɔbɛkɔ abisa wɔ ahoni, ne awufoɔ ahonhom,
asamanfrɛfoɔ ne nkonyaayifoɔ nkyɛn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.