Yesaia 18:7
Isaiah 18:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Saa ɛberɛ no wɔde akyɛdeɛ bɛbrɛ Asafo Awurade ɛbɛfiri nnipa a wɔwoware na wɔn honam yɛ tromtrom hɔ, nnipa a wɔn ho yɛ hu wɔ mmaa nyinaa, aniɛdenfoɔ ɔman a yɛnte wɔn kasa, na nsubɔntene akyekyɛ nʼasase mu. Wɔde akyɛdeɛ bɛba Sion Bepɔ so, beaeɛ a Asafo Awurade din atim no.
Isaiah 18:7 in English
Isaiah 18:7 · Berean Standard Bible
At that time gifts will be brought to the LORD of Hosts— from a people tall and smooth-skinned, from a people widely feared, from a powerful nation of strange speech, whose land is divided by rivers— to Mount Zion, the place of the Name of the LORD of Hosts.
Context
5Ɛnnya nnuruu twaberɛ a nhyerɛnne berɛ atwam no,
na nhwiren no anyini adane bobe no,
wɔde nsɔsɔ bɛtwitwa mman no;
wɔbɛtwitwa mman a ɛredendan no akɔ. 6Wɔbɛgya wɔn nyinaa ama bepɔ so nnomaa
a wɔkum mmoa we, ne wiram mmoa;
nnomaa no bɛdi wɔn nam wɔ ahuhuro ɛberɛ mu.
Wiram mmoa bɛwe wɔn nam wɔ awɔ berɛ mu. 7Saa ɛberɛ no wɔde akyɛdeɛ bɛbrɛ Asafo Awurade
ɛbɛfiri nnipa a wɔwoware na wɔn honam yɛ tromtrom hɔ,
nnipa a wɔn ho yɛ hu wɔ mmaa nyinaa,
aniɛdenfoɔ ɔman a yɛnte wɔn kasa,
na nsubɔntene akyekyɛ nʼasase mu.
Wɔde akyɛdeɛ bɛba Sion Bepɔ so, beaeɛ a Asafo Awurade din atim no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.