Yesaia 17:4
Isaiah 17:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Ɛda no, Yakob animuonyam bɛpa; na ne mu sradeɛ bɛsa.
Isaiah 17:4 in English
Isaiah 17:4 · Berean Standard Bible
“In that day the splendor of Jacob will fade, and the fat of his body will waste away,
Context
2Aroer nkuropɔn bɛdane nkurofon
na wɔagya ama nnwankuo ama wɔadeda hɔ,
a obiara renyi wɔn hu. 3Kuropɔn a wɔabɔ ho ban bɛyera wɔ Efraim,
adehyetumi nso bɛfiri Damasko;
Aram nkaeɛfoɔ bɛyɛ
Israelfoɔ animuonyam,”
Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. 4“Ɛda no, Yakob animuonyam bɛpa;
na ne mu sradeɛ bɛsa. 5Ɛbɛyɛ sɛdeɛ otwafoɔ twa aburoo a ɛgyina afuo so
na ɔde ne nsa pempan
sɛ ɛberɛ a obi redi mpɛpɛwa
wɔ Refaim Bɔnhwa mu. 6Nanso mpɛpɛwa no mu bi bɛka,
sɛdeɛ wɔwoso ngo dua a ɛyɛ no;
ɛka aba no mmienu anaa mmiɛnsa wɔ atifi mman no so,
ne ɛnan anaa enum wɔ mman a ɛsoɔ no so,”
sɛdeɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ nie.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.