Yesaia 10:25
Isaiah 10:25 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛrenkyɛre koraa mʼabufuo a ɛtia mo no ano bɛdwo na mʼaniberɛ bɛkɔ wɔn sɛeɛ so.”
Isaiah 10:25 in English
Isaiah 10:25 · Berean Standard Bible
For in just a little while My fury against you will subside, and My anger will turn to their destruction.”
Context
23Awurade, Asafo Awurade, ɔsɛeɛ
a wahyɛ ho mmara ketee na ɛbɛba asase no so nyinaa. 24Enti, yei ne deɛ Awurade, Asafo Awurade seɛ,
“Ao Me nkurɔfoɔ a mote Sion
monnsuro Asiriafoɔ no,
wɔn a wɔde mmaa hwe mo
na wɔde aporibaa bobɔ mo, sɛdeɛ Misraim yɛeɛ no. 25Ɛrenkyɛre koraa mʼabufuo a ɛtia mo no ano bɛdwo
na mʼaniberɛ bɛkɔ wɔn sɛeɛ so.” 26Asafo Awurade de mpire bɛhwe wɔn,
sɛdeɛ ɔbɔɔ Midian hwee fam wɔ Oreb Ɔbotan ho no;
na ɔbɛtene ne poma nsuo no so,
sɛdeɛ ɔyɛɛ wɔ Misraim no. 27Ɛda no, wɔbɛyi wɔn adesoa no afiri wo mmatire so;
wɔn kɔnnua afiri wo kɔn mu;
wɔbubu kɔnnua no
na afiri mo so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.