Yesaia 1:8
Isaiah 1:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔagya Ɔbabaa Sion te sɛ bobe turo mu sese te sɛ akuraa a ɛsi ɛferɛ afuo mu, te sɛ kuropɔn a atamfoɔ atwa ho ahyia.
Isaiah 1:8 in English
Isaiah 1:8 · Berean Standard Bible
And the Daughter of Zion is abandoned like a shelter in a vineyard, like a shack in a cucumber field, like a city besieged.
Context
6Ɛfiri mo nan ase kɔsi mo tiri so
ahomeka biara nni mu,
apirakuro ne nsoasoaeɛ nko ara
akuro a anim deda hɔ
na wɔnhohoro so anaa Wɔnkyekyereeɛ
anaa wɔmfaa ngo nsrasraa so. 7Mo ɔman ada mpan,
wɔde ogya ahyehye mo nkuropɔn;
ananafoɔ regye mo mfuo
a mo ani tua,
na asɛe sɛdeɛ ɛyɛɛ ɛberɛ a ahɔhoɔ tuu mo guiɛ no. 8Wɔagya Ɔbabaa Sion
te sɛ bobe turo mu sese
te sɛ akuraa a ɛsi ɛferɛ afuo mu,
te sɛ kuropɔn a atamfoɔ atwa ho ahyia. 9Sɛ Awurade
tumfoɔ no annya yɛn asefoɔ a,
anka yɛayɛ sɛ Sodom,
na yɛadane ayɛ sɛ Gomora. 10Montie Awurade asɛm,
mo Sodom sodifoɔ;
montie yɛn Onyankopɔn mmara,
mo Gomorafoɔ!
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.