Yesaia 1:2
Isaiah 1:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ao, ɔsoro, montie! Ao, asase yɛ aso! Na Awurade akasa: “Matete mma ama wɔanyini, nanso wɔate me so atua.
Isaiah 1:2 in English
Isaiah 1:2 · Berean Standard Bible
Listen, O heavens, and give ear, O earth, for the LORD has spoken: “I have raised children and brought them up, but they have rebelled against Me.
Context
1Saa anisoadehunu a ɛfa Yuda ne Yerusalem ho no baa Amos babarima Yesaia so wɔ Yuda ahemfo Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia berɛ so. 2Ao, ɔsoro, montie! Ao, asase yɛ aso!
Na Awurade akasa:
“Matete mma ama wɔanyini,
nanso wɔate me so atua. 3Nantwie nim ne wura,
afunumu nso nim ne wura mmoa adididaka,
nanso Israel nnim,
me nkurɔfoɔ nte aseɛ.” 4Aa, amumuyɛ ɔman,
ɔman a afɔdie adesoa ahyɛ wɔn ma,
nnebɔneyɛfoɔ kuo,
mma a porɔeɛ ahyɛ wɔn ma!
Wɔatwe wɔn ho afiri Awurade ho;
Wɔapo Israel Kronkronni no,
wɔadane wɔn akyi akyerɛ no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.