Yesaia 1:14
Isaiah 1:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mo bosome foforɔ afahyɛ ne mo apontoɔ a moahyehyɛ no, me kra kyiri. Ayɛ adesoa ama me; masoa mabrɛ.
Isaiah 1:14 in English
Isaiah 1:14 · Berean Standard Bible
I hate your New Moons and your appointed feasts. They have become a burden to Me; I am weary of bearing them.
Context
12Sɛ moba mʼanim a
hwan na ɔbisa yei firi mo hɔ?
Hwan na ɔsomaa mo sɛ monnantenante me efie yi? 13Monnyae afɔrebɔdeɛ a mode ba a ɛmfra no!
Mo aduhwam yɛ me tan.
Ɔbosome foforɔ, home nna ne nhyiamu ahodoɔ ne
mo nhyiamu fi no afono me. 14Mo bosome foforɔ afahyɛ ne mo apontoɔ a moahyehyɛ no,
me kra kyiri.
Ayɛ adesoa ama me;
masoa mabrɛ. 15Sɛ mopagya mo nsa bɔ mpaeɛ a,
mɛyi mʼani ato nkyɛn.
Sɛ mobɔ mpaeɛ bebree mpo a
merentie.
“Mogya bebree agu mo nsa ho fi. 16“Monnwira mo ho na mo ho nte.
Monnyi mo nnebɔne mfiri mʼani so!
Monnyae bɔne yɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.