Hosea 4:2
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nnome nko ara, atorɔtwa ne awudie, korɔnobɔ, ne awaresɛeɛ na moyɛ ma ɛtra so, na mogyahwiegu ba ntoasoɔ ntoasoɔ.
Hosea 4:2 in English
Hosea 4:2 · Berean Standard Bible
Cursing and lying, murder and stealing, and adultery are rampant; one act of bloodshed follows another.
Context
1Montie Awurade asɛm, mo Israelfoɔ
ɛfiri sɛ Awurade wɔ kwaadu de bɔ
mo a mote asase no so:
“Nokorɛ, ɔdɔ, anaa Onyankopɔn ho nimdeɛ nni asase no so. 2Nnome nko ara, atorɔtwa ne awudie,
korɔnobɔ, ne awaresɛeɛ
na moyɛ ma ɛtra so,
na mogyahwiegu ba ntoasoɔ ntoasoɔ. 3Yei enti asase no di awerɛhoɔ
na wɔn a ɛte so nyinaa wuwu;
ewiram mmoa, ewiem nnomaa
ne ɛpo mu nam rewuwu. 4“Mma obiara mmɔ kwaadu,
mma obiara mmɔ ɔfoforɔ soboɔ.
Na mmom, mo asɔfoɔ
mo na me ne mo anya.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.