Hosea 2:5
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔn maame anyɛ ɔnokwafoɔ na ɔnyinsɛnee wɔn wɔ animguaseɛ mu. Ɔkaa sɛ, ‘Mɛdi mʼadɔfoɔ akyi, wɔn a wɔma me aduane ne nsuo, ne kuntu ne nwera, ngo ne nsã.’
Hosea 2:5 in English
Hosea 2:5 · Berean Standard Bible
For their mother has played the harlot and has conceived them in disgrace. For she thought, ‘I will go after my lovers, who give me bread and water, wool and linen, oil and drink.’
Context
3Anyɛ saa a mɛpa ne ho ntoma
na wada adagya te sɛ ɛda a wɔwoo no;
mɛma wayɛ sɛ anweatam,
mɛdane no asase a awo wesee
na mama osukɔm akum no. 4Merennɔ ne mma,
ɛfiri sɛ wɔyɛ adwaman mma. 5Wɔn maame anyɛ ɔnokwafoɔ
na ɔnyinsɛnee wɔn wɔ animguaseɛ mu.
Ɔkaa sɛ, ‘Mɛdi mʼadɔfoɔ akyi,
wɔn a wɔma me aduane ne nsuo,
ne kuntu ne nwera, ngo ne nsã.’ 6Yei enti, mede nkasɛɛ bɛsi no ɛkwan;
mɛto ɔfasuo afa no ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔnhunu ɛkwan. 7Ɔbɛti nʼadɔfoɔ nanso ɔrento wɔn;
ɔbɛhwehwɛ wɔn, nanso ɔrenhunu wɔn.
Afei, ɔbɛka sɛ,
‘Mɛsane akɔ me kunu nkyɛn, te sɛ kane no,
ɛfiri sɛ, saa ɛberɛ no na ɛyɛ ma me sene seesei.’
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.