Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mede Israel bɛdua asase no so ama me ho; mɛda me dɔ adi akyerɛ deɛ mekaa sɛ ‘wonnyɛ me dɔfo’ no. Meka akyerɛ wɔn a mesee wɔn sɛ ‘monnyɛ me nkurɔfoɔ’ sɛ ‘moyɛ me nkurɔfoɔ’, na wɔn nso aka sɛ, ‘Wone me Onyankopɔn.’ ”

Hosea 2:23 in English

Hosea 2:23 · Berean Standard Bible

And I will sow her as My own in the land, and I will have compassion on ‘No Compassion.’* I will say to those called ‘Not My People,’* ‘You are My people,’* and they will say, ‘You are my God.’”

Context

21“Saa ɛda no, mɛgye wo so,” deɛ Awurade seɛ nie. “Mɛgye ɔsoro so, na ɔsoro de osuo bɛgye asase so, 22na asase nso bɛgye mfudeɛ so: bobe foforɔ ne ngo dua, na wɔn nso agye so sɛ ‘Yesreel’, ‘Onyankopɔn na wadua’. 23Mede Israel bɛdua asase no so ama me ho; mɛda me dɔ adi akyerɛ deɛ mekaa sɛ ‘wonnyɛ me dɔfo’ no. Meka akyerɛ wɔn a mesee wɔn sɛ ‘monnyɛ me nkurɔfoɔ’ sɛ ‘moyɛ me nkurɔfoɔ’, na wɔn nso aka sɛ, ‘Wone me Onyankopɔn.’ ”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.