Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nnipa bɛtena ne nwunu ase bio. Ɔbɛnyini ayɛ frɔmm te sɛ aburoo. Ɔbɛfefɛ ayɛ frɔmm te sɛ bobe, na ne din a ahyeta bɛyɛ sɛ nsã a ɛfiri Lebanon.

Hosea 14:7 in English

Hosea 14:7 · Berean Standard Bible

They will return and dwell in his shade; they will grow grain and blossom like the vine. His renown will be like the wine of Lebanon.

Context

5Mɛyɛ sɛ obosuo ama Israel. Ɔbɛfefɛ ayɛ frɔmm te sɛ sukooko. Te sɛ Lebanon ntweneduro no ɔde ne nhini bɛtim fam; 6ne mman bɛdennan. Nʼahoɔfɛ bɛyɛ sɛ ngo dua, na ne hwa ayɛ sɛ Lebanon ntweneduro. 7Nnipa bɛtena ne nwunu ase bio. Ɔbɛnyini ayɛ frɔmm te sɛ aburoo. Ɔbɛfefɛ ayɛ frɔmm te sɛ bobe, na ne din a ahyeta bɛyɛ sɛ nsã a ɛfiri Lebanon. 8Ao, Efraim ɛdeɛn na me ne ahoni wɔ yɛ bio? Mɛgye no so na mʼani aku ne ho. Mete sɛ dua a nʼahahan mpo; sɛ wobɛso aba a, ɛgyina me so.” 9Hwan ne onyansafoɔ? Ɔbɛhunu yeinom mu. Hwan na ɔwɔ nhunumu? Ɔbɛte yeinom ase. Awurade akwan tene. Ateneneefoɔ nante so, nanso asoɔdenfoɔ sunti so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.