Hosea 13:2
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, wɔkɔ so yɛ bɔne ara; wɔde wɔn dwetɛ yɛ ahoni ma wɔn ho, nsɛsodeɛ no nyinaa no. Adwumfoɔ no nam nyansakwan so na ayeyɛ. Wɔka nnipa yi ho asɛm sɛ, “Wɔde nnipa bɔ afɔdeɛ na wɔfe anantwie mma ahoni ano.”
Hosea 13:2 in English
Hosea 13:2 · Berean Standard Bible
Now they sin more and more and make for themselves cast images, idols skillfully made from their silver, all of them the work of craftsmen. People say of them, “They offer human sacrifice and kiss the calves!”*
Context
1Sɛ Efraim kasa a, na nnipa ho popo;
wɔpagyaa no wɔ Israelman mu.
Nanso Baalsom enti, ɔnyaa afɔbuo na ɔwuiɛ. 2Afei, wɔkɔ so yɛ bɔne ara;
wɔde wɔn dwetɛ yɛ ahoni ma wɔn ho,
nsɛsodeɛ no nyinaa no.
Adwumfoɔ no nam nyansakwan so na ayeyɛ.
Wɔka nnipa yi ho asɛm sɛ,
“Wɔde nnipa bɔ afɔdeɛ
na wɔfe anantwie mma ahoni ano.” 3Ɛno enti, wɔbɛyɛ sɛ anɔpa omununkum
sɛ anɔpa bosuo a ɛtu yera,
sɛ ntɛtɛ a ehu firi ayuporobea
sɛ wisie a ɛfa mpoma mu kɔ. 4“Nanso mene Awurade wo Onyankopɔn,
a meyii wo firii Misraim.
Nnye Onyankopɔn biara nto mu sɛ me,
anaa Ɔgyefoɔ biara sɛ me.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.