Hosea 12:13
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Awurade nam odiyifoɔ so yii Israel firii Misraim, ɔnam odiyifoɔ so hwɛɛ no.
Hosea 12:13 in English
Hosea 12:13 · Berean Standard Bible
But by a prophet the LORD brought Israel out of Egypt, and by a prophet he was preserved.
Context
11Gilead yɛ otirimuɔdenfoɔ anaa?
Emu nnipa no yɛ ahuhufoɔ!
Wɔde anantwie bɔ afɔdeɛ wɔ Gilgal anaa?
Wɔn afɔrebukyia bɛyɛ te sɛ aboɔ
a wɔahɔre no sie wɔ asase a wɔafuntum soɔ. 12Yakob dwane kɔɔ Aramfoɔ asase so;
Israel someeɛ de nyaa yere,
ɔhwɛɛ nnwan de tua etiri nsa. 13Awurade nam odiyifoɔ so
yii Israel firii Misraim,
ɔnam odiyifoɔ so hwɛɛ no. 14Nanso, Efraim ahyɛ no abufuo yaayaaya;
nʼAwurade bɛma ne mogyahwiegu ho afɔdie ada ne so
na ɔbɛtua nʼanimtiabuo no so ka.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.