Native Bible

Hebrews 9:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Honhom Kronkron no nam saa ɛkwan yi so kyerɛ yɛn sɛ, wɔnnya mmuee ɛkwan a wɔde kɔ Kronkron mu Kronkron hɔ wɔ ɛberɛ a Ntomadan no ne emu nneɛma da so wɔ hɔ.

Hebrews 9:8 in English

Hebrews 9:8 · Berean Standard Bible

By this arrangement the Holy Spirit was showing that the way into the Most Holy Place * had not yet been disclosed as long as the first tabernacle was still standing.

Context

6Saa na wɔahyehyɛ nneɛma no. Ɛda biara na asɔfoɔ no kɔ ɛdan a ɛdi ɛkan no mu kɔyɛ wɔn adwuma; 7nanso na Ɔsɔfopanin no nko ara na ɔwɔ ho ɛkwan sɛ ɔkɔ Kronkron mu Kronkron hɔ pɛnkorɔ pɛ afe biara. Ɔde mogya a ɔde bɔ ɔno ankasa ne ne nkurɔfoɔ mfomsoɔ ho afɔdeɛ ka ne ho kɔ. 8Honhom Kronkron no nam saa ɛkwan yi so kyerɛ yɛn sɛ, wɔnnya mmuee ɛkwan a wɔde kɔ Kronkron mu Kronkron hɔ wɔ ɛberɛ a Ntomadan no ne emu nneɛma da so wɔ hɔ. 9Ɛyɛ mfatoho ma ɛnnɛ berɛ yi. Ɛkyerɛ sɛ akyɛdeɛ ne mmoa a na wɔde bɔ afɔdeɛ ma Onyankopɔn no rentumi mma wɔn a wɔsom no akoma mu nyɛ kronn. 10Wɔde nnuane, anonneɛ ne nneɛma ahodoɔ a wɔde dwira wɔn ho na ɛdi dwuma no. Yei yɛ ɔhonam fam nhyehyɛeɛ a ɛyɛ adwuma kɔsi ɛberɛ a nhyehyɛeɛ foforɔ bɛba.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.