Hebrifoɔ 9:10
Hebrews 9:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔde nnuane, anonneɛ ne nneɛma ahodoɔ a wɔde dwira wɔn ho na ɛdi dwuma no. Yei yɛ ɔhonam fam nhyehyɛeɛ a ɛyɛ adwuma kɔsi ɛberɛ a nhyehyɛeɛ foforɔ bɛba.
Hebrews 9:10 in English
Hebrews 9:10 · Berean Standard Bible
They consist only in food and drink and special washings—external regulations imposed until the time of reform.
Context
8Honhom Kronkron no nam saa ɛkwan yi so kyerɛ yɛn sɛ, wɔnnya mmuee ɛkwan a wɔde kɔ Kronkron mu Kronkron hɔ wɔ ɛberɛ a Ntomadan no ne emu nneɛma da so wɔ hɔ. 9Ɛyɛ mfatoho ma ɛnnɛ berɛ yi. Ɛkyerɛ sɛ akyɛdeɛ ne mmoa a na wɔde bɔ afɔdeɛ ma Onyankopɔn no rentumi mma wɔn a wɔsom no akoma mu nyɛ kronn. 10Wɔde nnuane, anonneɛ ne nneɛma ahodoɔ a wɔde dwira wɔn ho na ɛdi dwuma no. Yei yɛ ɔhonam fam nhyehyɛeɛ a ɛyɛ adwuma kɔsi ɛberɛ a nhyehyɛeɛ foforɔ bɛba. 11Nanso, Kristo aba dada sɛ Ɔsɔfopanin ama nneɛma pa a yɛwɔ dada yi. Ntomadan a ɔsom wɔ mu no so na ɛdi mu kyɛn dada no. Ɛnnyɛ nnipa na wɔyɛeɛ. Afei nso, ɛmmfiri adebɔ yi mu. 12Ɛberɛ a Kristo kɔɔ ntomadan no mu a ɔkɔɔ Kronkronbea hɔ pɛnkorɔ no, wamfa mmirekyie ne anantwie mogya na ɛkɔbɔɔ afɔdeɛ. Mmom, ɔno ara de ne mogya na ɛbɔɔ afɔdeɛ de gyee nkwa a ɛnni awieeɛ maa yɛn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.