Hebrifoɔ 5:3
Hebrews 5:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ne mmerɛyɛ enti, sɛ ɔrebɔ bɔne ho afɔdeɛ a, ɛsɛ sɛ ɔbɔ ma ne ho ne afoforɔ nso.
Hebrews 5:3 in English
Hebrews 5:3 · Berean Standard Bible
That is why he is obligated to offer sacrifices for his own sins, as well as for the sins of the people.
Context
1Wɔyi Ɔsɔfopanin biara firi nnipa bi mu na wasi wɔn ananmu de wɔn akyɛdeɛ ne wɔn bɔne ho afɔdeɛ asom Onyankopɔn. 2Esiane sɛ nʼankasa yɛ mmerɛ akwan ahodoɔ pii so no enti, ɔtumi to ne bo ase ma wɔn a wɔnnim na wɔyɛ mfomsoɔ no. 3Ne mmerɛyɛ enti, sɛ ɔrebɔ bɔne ho afɔdeɛ a, ɛsɛ sɛ ɔbɔ ma ne ho ne afoforɔ nso. 4Obiara ntumi nyi ne ho mfa nhyɛ ne ho animuonyam* sɛ ɔyɛ Ɔsɔfopanin. Onyankopɔn frɛ nko na onipa nam so bɛyɛ Ɔsɔfopanin sɛdeɛ wɔfrɛɛ Aaron no. 5Saa ara nso na Kristo annye anto ne ho so sɛ ɔyɛ Ɔsɔfopanin amfa anhyɛ ne ho animuonyam. Na mmom, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ,
“Woyɛ me Ba:
ɛnnɛ, mayɛ wʼAgya.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.