Native Bible

Hebrews 5:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Esiane sɛ nʼankasa yɛ mmerɛ akwan ahodoɔ pii so no enti, ɔtumi to ne bo ase ma wɔn a wɔnnim na wɔyɛ mfomsoɔ no.

Hebrews 5:2 in English

Hebrews 5:2 · Berean Standard Bible

He is able to deal gently with those who are ignorant and misguided, since he himself is beset by weakness.

Context

1Wɔyi Ɔsɔfopanin biara firi nnipa bi mu na wasi wɔn ananmu de wɔn akyɛdeɛ ne wɔn bɔne ho afɔdeɛ asom Onyankopɔn. 2Esiane sɛ nʼankasa yɛ mmerɛ akwan ahodoɔ pii so no enti, ɔtumi to ne bo ase ma wɔn a wɔnnim na wɔyɛ mfomsoɔ no. 3Ne mmerɛyɛ enti, sɛ ɔrebɔ bɔne ho afɔdeɛ a, ɛsɛ sɛ ɔbɔ ma ne ho ne afoforɔ nso. 4Obiara ntumi nyi ne ho mfa nhyɛ ne ho animuonyam* sɛ ɔyɛ Ɔsɔfopanin. Onyankopɔn frɛ nko na onipa nam so bɛyɛ Ɔsɔfopanin sɛdeɛ wɔfrɛɛ Aaron no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.