Native Bible

Hebrews 10:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Anantwie ne mmirekyie mogya rentumi mpepa bɔne.

Hebrews 10:4 in English

Hebrews 10:4 · Berean Standard Bible

because it is impossible for the blood of bulls and goats to take away sins.

Context

2Sɛ nnipa a wɔresom Onyankopɔn no tumi firi wɔn bɔne mu yɛ pɛ a, ɛnneɛ anka wɔrenni bɔne ho fɔ bio, na ne saa enti, afɔrebɔ nyinaa to bɛtwa. 3Deɛ saa afɔrebɔ yi yɛ ne sɛ, ɛkae wɔn wɔn bɔne afe biara. 4Anantwie ne mmirekyie mogya rentumi mpepa bɔne. 5Esiane saa enti, ɛberɛ a Kristo rebɛba ewiase no, ɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Wommpɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛ nanso woasiesie ɔhonam ama me. 6Wʼani nnnye ɔhyeɛ ne bɔne afɔdeɛ anaa afɔdeɛ a wɔbɔ de pepa bɔne ho.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.