Hebrifoɔ 10:33
Hebrews 10:33 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ebi ne sɛ, mpɛn bebree wɔyeyɛɛ mo, guu mo anim ase badwam; na ɛtɔ da bi mpo a, na moasiesie mo ho sɛ mobɛka wɔn a wɔrehunu amaneɛ no ho.
Hebrews 10:33 in English
Hebrews 10:33 · Berean Standard Bible
Sometimes you were publicly exposed to ridicule and persecution; at other times you were partners with those who were so treated.
Context
31Onyankopɔn a ɔte ase no nsam amanenya yɛ hu. 32Monkae ahohia a mokɔɔ mu ɛberɛ a mohunuu hann no, momiaa mo ani hunuu ɔko bebree mu amaneɛ. 33Ebi ne sɛ, mpɛn bebree wɔyeyɛɛ mo, guu mo anim ase badwam; na ɛtɔ da bi mpo a, na moasiesie mo ho sɛ mobɛka wɔn a wɔrehunu amaneɛ no ho. 34Mo ne nneduafoɔ daa afiase na wɔfaa mo ahodeɛ nyinaa no mpo, monyaa ho boasetɔ, ɛfiri sɛ, monim sɛ ɛyɛ dɛn ara a mowɔ ade pa bi a ɛbɛtena hɔ daa. 35Mommma mo akoma nntu na moanhwere mo akatua.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.