Hagai 1:15
Haggai 1:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
wɔ Ɔhene Dario adedie afe a ɛtɔ so mmienu no, ɔbosome a ɛtɔ so nsia no da a ɛtɔ so aduonu ɛnan no.
Haggai 1:15 in English
Haggai 1:15 · Berean Standard Bible
on the twenty-fourth day of the sixth month, in the second year of King Darius.
Context
13Na Hagai, Awurade somafoɔ no, de saa asɛm yi a ɛfiri Awurade nkyɛn maa nkurɔfoɔ no: “Meka mo ho.” Saa na Awurade seɛ. 14Ɛno enti, Awurade kanyanee Sealtiel babarima Serubabel a ɔyɛ Yuda amrado, Ɔsɔfopanin Yehosadak babarima Yosua ne Onyankopɔn nkurɔfoɔ nkaeɛ no nyinaa. Wɔbɛhyɛɛ wɔn adwuma a ɛwɔ Asafo Awurade, wɔn Onyankopɔn, fie no ase, 15wɔ Ɔhene Dario adedie afe a ɛtɔ so mmienu no, ɔbosome a ɛtɔ so nsia no da a ɛtɔ so aduonu ɛnan no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.