Habakuk 1:13
Habakkuk 1:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wʼaniwa yɛ kronkron, a wontumi nhwɛ nnebɔne; wonnyegye bɔne so. Na ɛdeɛn enti na wogyegye nnipa kɔntɔnkye so, na ɛdeɛn enti na wayɛ komm wɔ ɛberɛ a atirimuɔdenfoɔ remene ateneneefoɔ?
Habakkuk 1:13 in English
Habakkuk 1:13 · Berean Standard Bible
Your eyes are too pure to look upon evil, and You cannot tolerate wrongdoing. So why do You tolerate the faithless? Why are You silent while the wicked swallow up those more righteous than themselves?
Context
11Wɔbɔ hoo te sɛ mframa kɔ wɔn anim.
Afɔdifoɔ a wɔn ahoɔden yɛ wɔn nyame.” 12Ao, Awurade, wonni hɔ firi tete anaa?
Me Onyankopɔn, me Kronkronni, wo a wote ase daa.
Ao, Awurade, woapa wɔn sɛ wɔmmu atɛn;
Ao Ɔbotantim, woahyɛ wɔn sɛ wɔntwe aso. 13Wʼaniwa yɛ kronkron, a wontumi nhwɛ nnebɔne;
wonnyegye bɔne so.
Na ɛdeɛn enti na wogyegye nnipa kɔntɔnkye so,
na ɛdeɛn enti na wayɛ komm wɔ ɛberɛ a
atirimuɔdenfoɔ remene ateneneefoɔ? 14Woama nnipa ayɛ sɛ nsuomnam a ɛwɔ ɛpo mu,
te sɛ abɔdeɛ a ɛwɔ ɛpo mu a wonni sodifoɔ. 15Ɔtamfoɔ tirimuɔdenfoɔ no de darewa yi wɔn,
ɔgu nʼasau de buma wɔn,
na afei ɔsɛpɛ ne ho ma nʼani gye.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.