Native Bible

Genesis 9:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yeinom ne Noa mmammarima a wɔfiri adaka no mu baeɛ: Sem, Ham ne Yafet. Ham na ɔwoo Kanaan.

Genesis 9:18 in English

Genesis 9:18 · Berean Standard Bible

The sons of Noah who came out of the ark were Shem, Ham, and Japheth. And Ham was the father of Canaan.

Context

16Ɛberɛ biara a nyankontɔn bɛto wɔ omununkum mu no, mɛhunu, na makae apam a ɛwɔ hɔ daa a ɛda me, Onyankopɔn, ne abɔdeɛ a nkwa wɔ mu ahodoɔ nyinaa a wɔwɔ asase yi so ntam no.” 17Enti, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ, “Yei ne apam a me ne abɔdeɛ biara a nkwa wɔ mu a, wɔwɔ asase yi so ayɛ no ho nsɛnkyerɛnneɛ.” 18Yeinom ne Noa mmammarima a wɔfiri adaka no mu baeɛ: Sem, Ham ne Yafet. Ham na ɔwoo Kanaan. 19Yeinom ne Noa mmammarima. Wɔn mu na nnipa a, wɔahwete wɔ asase so nyinaa firi baeɛ. 20Noa yɛ okuafoɔ a ɔdii ɛkan. Ɔyɛɛ bobefuo.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.